Psalms 11

Dawid dwom.


1 Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ.
Adɛn na wutumi ka kyerɛ me se,
“Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔw so.

2 Na hwɛ, amumɔyɛfo akuntun wɔn ta mu,
na wɔde wɔn mmɛmma asisi ahama so
sɛ wɔbɛtow wɔ sum mu
de awɔ koma mu ahotefo.

3 Sɛ wɔresɛe fapem no a,
dɛn na ɔtreneeni betumi ayɛ?”


4 Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu;
Awurade te ne soro ahengua so.
Ɔhwɛ nnipa mma,
nʼani hwehwɛ wɔn mu.

5 Awurade hwehwɛ ɔtreneeni mu,
na amumɔyɛfo ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ de,
ne kra kyi wɔn.

6 Ɔbɛtɔ ogyatannaa ne sufre a ɛredɛw
agu amumɔyɛfo so;
na mframa a mu yɛ hyew bɛyɛ wɔn kyɛfa.


Awurade yɛ ɔtreneeni,
na ɔpɛ atɛntrenee;
wɔn a wɔteɛ no behu nʼanim.

Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no wɔ “Seminit” sanku nne so.

7
Copyright information for TwiAKNA